Music

Oheneba Kissi – Meto Wo Abadin

Abadin by Oheneba Kissi (Mothers day song download)

Oheneba Kissi Abadin mp3 download. We presents to you throw back hit song by Oheneba Kissi dubbed Meto Wo Abadin or Abadin.

Wiase, wiase yi mu ɔbrapa nyɛ sɛ nipa nya sika nkoaa nti manya biribi, Ama wo a, Maame mma wo werɛ nho oooo Serwaa… mɛto wo abadin, na wode akyekyere wo werɛ o

ALSO DOWNLOAD: Becca – African Woman

Wiase yi mu ɔbrapa ooo nyɛ sɛ Nipa nya sika eee nti manya biribi ama
Wo a, Maame mma wo werɛ nho oooo brakatu
Ee… mɛto abadin, na wode akyekyere wo werɛ oo.

Wiase nyɛ adwene bodwobrɛ ne sɛ daa ɔho apa so…
Tɛferɛ nya asa nka ɔbɛsa, akokɔ antwiwaa ama no asa oooo.
Aduoku nya fufuo anka ɔdɛdi nanso
Waduro ankɔ nebɔn mu nti na mo hunu no saa no.

Me maame abrɛ me ho oo sɛ deɛ ɔbaatan
Biara abrɛ ne mma ho nti menka no kɛse oo.
Ɛyɛ me Maame yam ne sɛ, nk
A ne ba bɛbɔ brapa na wayɛ agyadeɛ kɛseɛ bi oo.

Ɛno nti me maame menmɔ me ho mmɔden
Na menya sika, nnodɔ nfuo, nsisi adan.
Nka ɛyɛ na sɛ ɔnam abɔnten so a yabɔ ne
Din aka sɛ ɔheneba kissi Maame na ɛrekɔ yi aa

Afei nso nka newuo akyiri no,
Ne din aka asaase yi so, Maame se ne din aka asaase yi so.
Nanso ɔhwɛ a ne brɛ ayɛ kwa… abo
Some nkron yayaaya, ɛne ɛmu aduro nom.

Maame me te w’amanehunu yi ɛne apene a woresi yi nanso ɛnyɛ aboa
Sika, nfuo ne adan bɛbrebe nko na ɛkyerɛ sɛ onipa abɔ bra pa wai.

Awo ma me nka wo awerɛkyekyerɛ nsɛm bi a o, mpa
Ninfoɔ se akyea na ɛmmu yɛ, ɛsene abɛbuo biara.
Adom nyame ahyɛ me bɔ bi sɛ ɔbɛma me mmamu
Nnan na mede mmɔfra yi nyinaa bɛto wo serwaa ee.

Meto wo Serwaa Bonsu,
Osei Yaw Akoto, Serwaa Ampafo Brakatu, oheneba Sei.
Me maame a ɔwo me, m
E de mmɔfra yi nyinaa bɛto wo a o, a
Ma wo din aka asaase yi so ɛna ee.
Nti sɛ manya biribi ama wo a, m
Aame mma wo werɛ nho Serwaa, m
ɛto wo abadin na wo akeyekyere wo werɛ ooo.

Yɛse awoɔ yi yɛdi wo asiakan na yɛndi no yɛ nua ba oo
Nanso sɛ oboyin anwo ba nso a, awo serwaa yɛnsi no aboɔ a eee.
Wanya sika nso a yɛnku wo ooo
Ɛnyɛ deɛ akokɔ nhunu bi da, maam
E ɛne abawuo nasɛ deɛ ɔbɔfoɔ kɔhunu wɔ nwuram nso ɛwɔsɛ
Ne nyinaa na ɔka a nka yɛbɛhunu sɛ wiase yi mu ɛden paa.

Manya bi ma me nfa no saa na obi anya bi ama
Neho akyiri no… aboa sika nso nyɛ owuo aduro.
Abɛ bi bɛwu a na ɛsɔ.ɛbia
Me deɛ nam kwan aba nti yɛnsi abotare nko wai.

Nasɛ ɛkɔba sɛ manyɛ yie mpo a maame ɛnni
Awerɛhoɔ na mewɔ agyapadeɛ sononko bi ma wo.
Mese me mma mɛwo wɔ asaase so nyinaa, me
De wɔn nyinaa bɛto wo ama wo din aka asaase yi so ɛna ee

Ɛno nti sɛ manya biribi ama wo a, ma
Ame mma wo werɛ nho o Serwaa.m
ɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Manya sika mpo a.mɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Mansi dan ama wo a.mɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Mantɔ car ama wo a.mɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Mɛto wo abadin o ɛna… mɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Ɛma wo werɛ nho o Serwaa.mɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Mɛto wo abadin o ee.mɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Mansi dan ama wo a.mɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Mannɔ afuo ama wo a.mɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Mɛto wo abadin oo.mɛto wo abadin na wo de akyekyere wo werɛ

Check out Oheneba Kissi mp3 songs and Listen Oheneba Kissi Abadin free mp3 audio music download.

Oheneba Kissi – Meto Wo Abadin [Download]

HipRadar

Web Designer, Blogger | YouTuber | Music Promoter | Streamer | Digital Marketer | Social Media Manger & Publicist Connect with Me Via email: Djokwas75@gmail.com
Back to top button
Click to Chat!
#
Agent (Online)
×

We are here to help. Chat with us on WhatsApp for any queries.